Native Bible

Psalms 42:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Me nisuo ayɛ mʼaduane awia ne anadwo, na da mu nyinaa nnipa bisa me sɛ: “Wo Onyankopɔn wɔ he?”

Psalms 42:3 in English

Psalms 42:3 · Berean Standard Bible

My tears have been my food both day and night, while men ask me all day long, “Where is your God?”

Context

1Sɛdeɛ ɔforoteɛ pere hwehwɛ nsuwansuwa no, saa ara na me kra pere hwehwɛ wo, Ao Onyankopɔn. 2Onyankopɔn ho sukɔm de me kra, Onyankopɔn teasefoɔ no. Da bɛn na mɛtumi akɔhyia Onyankopɔn? 3Me nisuo ayɛ mʼaduane awia ne anadwo, na da mu nyinaa nnipa bisa me sɛ: “Wo Onyankopɔn wɔ he?” 4Saa nneɛma yi na mekae ɛberɛ a mereka mʼakoma mu nsɛm; sɛdeɛ na medi asafokuo anim, na yɛde anigyeɛ nteateam ne aseda nnwom nante yuu bom kɔ Onyankopɔn fie wɔ afahyɛ da. 5Adɛn enti na woaboto, Ao me kra? Adɛn enti na woteetee wɔ me mu saa? Fa wo ho to Onyankopɔn so, na mɛkɔ so ayi no ayɛ, mʼAgyenkwa ne me Onyankopɔn.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.