Native Bible

Psalms 4:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Mommɔ afɔdeɛ a ɛfata na momfa mo werɛ nhyɛ Awurade mu.

Psalms 4:5 in English

Psalms 4:5 · Berean Standard Bible

Offer the sacrifices of the righteous and trust in the LORD.

Context

3Hunu sɛ Awurade ayi deɛ ɔwɔ nyamesu ama ne ho; Awurade bɛtie, sɛ mesu mefrɛ no a. 4Mo bo fu a, monnyɛ bɔne; sɛ modeda mo mpa so a, monyɛ komm na monhwehwɛ mo akoma mu. 5Mommɔ afɔdeɛ a ɛfata na momfa mo werɛ nhyɛ Awurade mu. 6Nnipa bebree bisa sɛ: “Hwan na ɔbɛtumi ayɛ yɛn adɔeɛ?” Ao Awurade, ma wʼanim hann no nhyerɛn yɛn so. 7Wode anigyeɛ mmorosoɔ ahyɛ mʼakoma ma asene ɛberɛ a wɔn aburoo ne nsã foforɔ abu so no.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.