Nnwom 38:8
Psalms 38:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mabrɛ na mapɛkyɛ koraa. Mʼakoma mu yea ma me si apinie.
Psalms 38:8 in English
Psalms 38:8 · Berean Standard Bible
I am numb and badly crushed; I groan in anguish of heart.
Context
6Makoto na wɔabrɛ me ase;
da mu nyinaa menantenante twa agyaadwoɔ. 7Mʼakyi dompe mu yea boro so:
ahoɔden biara nni me onipadua mu. 8Mabrɛ na mapɛkyɛ koraa.
Mʼakoma mu yea ma me si apinie. 9Ao Awurade, deɛ merehwɛ anim nyinaa da wʼanim;
mʼapinisie nhintaa wo. 10Mʼakoma bɔ paripari, na mʼahoɔden asa
mpo mʼaniwa aduru sum.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.