Native Bible

Psalms 38:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Mʼakoma bɔ paripari, na mʼahoɔden asa mpo mʼaniwa aduru sum.

Psalms 38:10 in English

Psalms 38:10 · Berean Standard Bible

My heart pounds, my strength fails, and even the light of my eyes has faded.

Context

8Mabrɛ na mapɛkyɛ koraa. Mʼakoma mu yea ma me si apinie. 9Ao Awurade, deɛ merehwɛ anim nyinaa da wʼanim; mʼapinisie nhintaa wo. 10Mʼakoma bɔ paripari, na mʼahoɔden asa mpo mʼaniwa aduru sum. 11Mʼapirakuro enti me nnamfonom ne mʼayɔnkofoɔ mmɛn me; mʼafipamfoɔ twe wɔn ho firi me ho. 12Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔkum me no sum me mfidie, wɔn a wɔpɛ sɛ wɔha me no di me sɛeɛ ho nkɔmmɔ. Ɛda mu nyinaa wɔdwene nnaadaasɛm ho.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.