Native Bible

Psalms 37:2 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wɔte sɛ ɛserɛ, ɛnkyɛre na ahye, wɔte sɛ dua mono, ɛnkyɛre na awu.

Psalms 37:2 in English

Psalms 37:2 · Berean Standard Bible

For they wither quickly like grass and wilt like tender plants.

Context

1Nha wo ho nnebɔneyɛfoɔ nti; mma wʼani mmere wɔn a wɔyɛ bɔne; 2Wɔte sɛ ɛserɛ, ɛnkyɛre na ahye, wɔte sɛ dua mono, ɛnkyɛre na awu. 3Fa wo ho to Awurade so na yɛ papa. Tena asase no so na ma wʼani nka asomdwoeɛ adidibea hɔ. 4Ma wʼani nka Awurade ho na woama wo deɛ wʼakoma pɛ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.