Native Bible

Psalms 34:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wɔn a wɔhwɛ nʼanim no hyerɛn na wɔn anim rengu ase da.

Psalms 34:5 in English

Psalms 34:5 · Berean Standard Bible

Those who look to Him are radiant with joy; their faces shall never be ashamed.

Context

3Mo ne me nkamfo Awurade; momma yɛmmɔ mu nkamfo ne din! 4Mefrɛɛ Awurade na ɔgyee me so; na ɔyii me firii mʼakomatuo nyinaa mu. 5Wɔn a wɔhwɛ nʼanim no hyerɛn na wɔn anim rengu ase da. 6Ohiani yi frɛeɛ, na Awurade tiee no; na ɔgyee no firii nʼahohia nyinaa mu. 7Awurade ɔbɔfoɔ wɛn wɔn a wɔsuro no, na ɔgye wɔn.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.