Native Bible

Psalms 30:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wo, Awurade na mefrɛɛ woɔ; wo hɔ na mesu mesrɛɛ mmɔborɔhunu sɛ:

Psalms 30:8 in English

Psalms 30:8 · Berean Standard Bible

To You, O LORD, I called, and I begged my Lord for mercy:

Context

6Metee nka sɛ mewɔ banbɔ no, mekaa sɛ, “Merenhinhim da.” 7Ao Awurade, woyɛɛ me adom no womaa me bepɔ gyinaa pintinn na wode wʼanim hintaa me no, me bo tuiɛ. 8Wo, Awurade na mefrɛɛ woɔ; wo hɔ na mesu mesrɛɛ mmɔborɔhunu sɛ: 9“Mfasoɔ bɛn na ɛwɔ me sɛeɛ ho, sɛ mɛkɔ amena mu? Mfuturo bɛyi wo ayɛ anaa? Ɛbɛpae mu aka wo nokorɛdie anaa? 10Tie me, Ao Awurade, na hunu me mmɔbɔ! Ao Awurade, yɛ me ɔboafoɔ.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.