Native Bible

Psalms 29 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Listen to Nnwom 29
1Momfa mma Awurade no, Ao ɔsoro abɔdeɛ, momfa animuonyam ne tumi mma Awurade. 2Momfa animuonyam a ɛfata Awurade din mma no; monsɔre Awurade wɔ nʼanimuonyam kronkron mu. 3Awurade nne wɔ nsuo no so; animuonyam Onyankopɔn bobom, Awurade bobom wɔ nsuo akɛseɛ so. 4Awurade nne mu wɔ tumi; Awurade nne mu wɔ animuonyam. 5Awurade nne bubu ntweneduro; Awurade nne bubu Lebanon ntweneduro mu nketenkete. 6Ɔma Lebanon hurihuri te sɛ nantwie ba, na Sirion nso sɛ ɛkoɔ ba. 7Awurade nne pa ma anyinam ogya dɛre 8Awurade nne woso ɛserɛ so; Awurade woso Kades serɛ. 9Awurade nne kyinkyim adum na ɛma kwaeɛ yɛ kwaterekwa. Nʼasɔredan mufoɔ nyinaa team ka sɛ, “Animuonyam nka Onyankopɔn!” 10Awurade di ɔhene wɔ nsuyire so; wɔasi Awurade ɔhene afebɔɔ. 11Awurade ma ne nkurɔfoɔ ahoɔden, na ɔde asomdwoeɛ hyira wɔn.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.