Nnwom 28:6
Psalms 28:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ayɛyie nka Awurade, ɛfiri sɛ watie me mmɔborɔ su.
Psalms 28:6 in English
Psalms 28:6 · Berean Standard Bible
Blessed be the LORD, for He has heard my cry for mercy.
Context
4Twe wɔn aso wɔ deɛ wɔayɛ no so;
wɔn adwuma bɔne no so;
tua deɛ wɔde wɔn nsa ayɛ so ka
na fa deɛ ɛfata wɔn sane bra wɔn so. 5Sɛ wɔmmu deɛ Awurade ayɛ
ne deɛ ɔde ne nsa ayɛ no enti,
ɔbɛbrɛ wɔn ase
na ɔremma wɔnnsɔre bio. 6Ayɛyie nka Awurade,
ɛfiri sɛ watie me mmɔborɔ su. 7Awurade ne mʼahoɔden ne mʼakokyɛm;
mʼakoma wɔ ne mu ahotosoɔ, na ɔboa me.
Mʼakoma di ahurisie
na mede dwomtoɔ bɛda no ase. 8Awurade yɛ ahoɔden ma ne nkurɔfoɔ;
ne nkwagyeɛ nsraban ma deɛ wɔasra no ngo.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.