Nnwom 26:6
Psalms 26:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mehohoro me nsa wɔ bembuo mu, na makɔ wʼafɔrebukyia ho ahyia, Ao Awurade,
Psalms 26:6 in English
Psalms 26:6 · Berean Standard Bible
I wash my hands in innocence that I may go about Your altar, O LORD,
Context
4Me ne nnaadaafoɔ ntena
na me ne nyaatwomfoɔ nso nni hwee yɛ. 5Mekyiri nnebɔneyɛfoɔ dwabɔ
na mempɛ sɛ me ne amumuyɛfoɔ tena. 6Mehohoro me nsa wɔ bembuo mu,
na makɔ wʼafɔrebukyia ho ahyia, Ao Awurade, 7na mepae mu ka wʼayɛyie
na meka wʼanwanwadeɛ nyinaa. 8Mʼani gye efie a wote mu ho, Ao Awurade,
baabi a wʼanimuonyam wɔ no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.