Nnwom 22:11
Psalms 22:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ntwe wo ho mfiri me ho! Ɛfiri sɛ amaneɛ abɛn na ɔboafoɔ nni baabi.
Psalms 22:11 in English
Psalms 22:11 · Berean Standard Bible
Be not far from me, for trouble is near and there is no one to help.
Context
9Wo na woyii me firii awotwaa mu baeɛ
na womaa mede me ho too wo so
ɛberɛ a metua me maame nufoɔ ano mpo. 10Ɛfiri mʼawoɔ mu na wɔde me too wo soɔ;
ɛfiri me maame yafunu mu, woayɛ me Onyankopɔn. 11Ntwe wo ho mfiri me ho!
Ɛfiri sɛ amaneɛ abɛn
na ɔboafoɔ nni baabi. 12Anantwinini bebree atwa me ho ahyia;
Basan anantwinini a wɔn ho yɛ den atwa me ho ahyia. 13Gyata a wɔbobom na wɔtete wɔn ahaboa mu
abuebue wɔn anom tɛtrɛɛ de kyerɛ me.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.