Nnwom 20:8
Psalms 20:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Saa nkurɔfoɔ no, wɔbrɛ wɔn ase ma wɔhwehwe ase, na yɛn deɛ, yɛsɔre gyina pintinn.
Psalms 20:8 in English
Psalms 20:8 · Berean Standard Bible
They collapse and fall, but we rise up and stand firm.
Context
6Afei mahunu sɛ Awurade gye deɛ wasra no no nkwa;
ɔgye no so wɔ ne soro kronkron hɔ
ɔde tumi a ɛfiri ne nsa nifa mu no ma no nkwagyeɛ. 7Ebinom de wɔn ho to wɔn nteaseɛnam so
na afoforɔ nso, wɔn apɔnkɔ so,
nanso yɛn deɛ, yɛde yɛn ho to Awurade yɛn Onyankopɔn din so. 8Saa nkurɔfoɔ no, wɔbrɛ wɔn ase ma wɔhwehwe ase,
na yɛn deɛ, yɛsɔre gyina pintinn. 9Ao Awurade gye ɔhene nkwa!
Na sɛ yɛfrɛ nso a, gye yɛn so.
Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.