Native Bible

Psalms 2 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Listen to Nnwom 2
1Adɛn enti na amanamanmufoɔ no bo afu? Adɛn enti na wɔsɛe mmerɛ yɛ nhyehyɛeɛ hunu yi? 2Asase so ahemfo sɔre gyina na atumfoɔ bom tu agyina tia Awurade ne Deɛ Wɔasra no no. 3Wɔka sɛ, “Momma yɛmmubu wɔn nkɔnsɔnkɔnsɔn na yɛnto wɔn mpokyerɛ ngu.” 4Deɛ ɔte adwa so wɔ soro no sere; Awurade di wɔn ho fɛw. 5Afei ɔka wɔn anim wɔ nʼabufuo mu hunahuna wɔn wɔ nʼabufuhyeɛ mu, ka sɛ, 6“Masi me Ɔhene wɔ Sion, me bepɔ kronkron no so.” 7Mɛpae mu aka Awurade ahyɛdeɛ: Ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Woyɛ me Babarima; ɛnnɛ mayɛ wʼAgya. 8Bisa me, na mede amanaman nyinaa bɛyɛ wʼagyapadeɛ, asase ano nyinaa bɛyɛ wo dea. 9Wode dadeɛ ahempoma bɛdi wɔn so; na woabobɔ wɔn sɛ ɔnwomfoɔ ahina.” 10Enti mo ahemfo, monsua nyansa; monkae kɔkɔbɔ yi, mo asase sodifoɔ. 11Momfa suro nsom Awurade na monsɛpɛ mo ho ahopopoɔ mu. 12Momfe Ɔba no ano, na ne bo amfu ansɛe mo wɔ mo akwan so, ɛfiri sɛ nʼabufuhyeɛ tumi sɔre ntɛm so. Nhyira ne wɔn a wɔdwane toa no nyinaa.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.