Psalms 1 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
1Nhyira ne onipa a
ɔntie amumuyɛfoɔ afotuo
na ɔnni nnebɔneyɛfoɔ nhwɛsoɔ akyi
na ɔntena fɛdifoɔ tenabea. 2Na mmom, Awurade mmara sɔ nʼani,
na ɔdwene ho awia ne anadwo. 3Ɔte sɛ dua a wɔatɛ wɔ asutene ho,
na ɛso nʼaba ne berɛ mu a
nʼahahan no nnwan.
Deɛ ɔyɛ biara yɛ yie. 4Nanso nnebɔneyɛfoɔ nte saa;
wɔte sɛ ntɛtɛ a
mframa bɔ guo. 5Enti amumuyɛfoɔ rentumi nnyina atemmuo no ano,
na nnebɔneyɛfoɔ nso rentena teneneefoɔ asafo mu. 6Ɛfiri sɛ Awurade kyerɛ ɔteneneeni kwan
nanso amumuyɛfoɔ kwan deɛ, ɛbɛyera.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.