Native Bible

Psalms 18:21 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Manante Awurade akwan so. Mentwee me ho mfirii me Onyankopɔn ho nkɔyɛɛ bɔne.

Psalms 18:21 in English

Psalms 18:21 · Berean Standard Bible

For I have kept the ways of the LORD and have not wickedly departed from my God.

Context

19Ɔde me baa baabi a ɛhɔ trɛ; ɔgyee me, ɛfiri sɛ nʼani sɔɔ me. 20Awurade ne me adi no sɛdeɛ me tenenee teɛ; wahwɛ me nsa a ɛho teɛ so atua me ka. 21Manante Awurade akwan so. Mentwee me ho mfirii me Onyankopɔn ho nkɔyɛɛ bɔne. 22Madi ne mmara nyinaa so: memmuu nʼahyɛdeɛ so. 23Me ho nni asɛm wɔ Onyankopɔn anim, na matwe me ho afiri bɔne ho.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.