Nnwom 16:6
Psalms 16:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mʼahyeɛ akɔdeda mmea a ɛhɔ yɛ ahomeka; ampa ara mewɔ agyapadeɛ a ɛho yɛ anigye.
Psalms 16:6 in English
Psalms 16:6 · Berean Standard Bible
The lines of my boundary have fallen in pleasant places; surely my inheritance is delightful.
Context
4Wɔn a wɔdi anyame afoforɔ akyire no
wɔn awerɛhoɔ bɛdɔɔso.
Merenyi wɔn mogya apaeɛ no bi
na meremfa mʼano memmɔ wɔn din. 5Awurade, wode me kyɛfa ne me kuruwa ama me;
woama me kyɛfa anya banbɔ. 6Mʼahyeɛ akɔdeda mmea a ɛhɔ yɛ ahomeka;
ampa ara mewɔ agyapadeɛ a ɛho yɛ anigye. 7Mɛkamfo Awurade a ɔtu me fo;
na anadwo mpo mʼakoma kyerɛkyerɛ me. 8Mehunu Awurade wɔ mʼani so daa nyinaa.
Esiane sɛ ɔwɔ me nsa nifa enti, merenhinhim da.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.