Nnwom 147:18
Psalms 147:18 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɔsoma nʼasɛm no ma ɛnane no; ɔhwanyane ne mframa, na nsuo tene.
Psalms 147:18 in English
Psalms 147:18 · Berean Standard Bible
He sends forth His word and melts them; He unleashes His winds, and the waters flow.
Context
16Ɔtrɛ sukyerɛmma mu sɛ odwan ho nwi,
na ɔpete obosuo nsukyeneeɛ sɛ nsõ. 17Ɔtoto asukɔtweaa gu fam sɛ mmosea.
Hwan na ɔbɛtumi agyina nʼawɔ denden no ano? 18Ɔsoma nʼasɛm no ma ɛnane no;
ɔhwanyane ne mframa, na nsuo tene. 19Wada nʼasɛm adi akyerɛ Yakob,
ne mmara ne ɔhyɛ nsɛm akyerɛ Israel. 20Ɔnyɛɛ yei mmaa aman foforɔ biara;
wɔnnim ne mmara.
Monkamfo Awurade!
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.