Nnwom 147:10
Psalms 147:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛnyɛ ɔpɔnkɔ ahoɔden na nʼani sɔ na ɛnyɛ onipa ahoɔden nso.
Psalms 147:10 in English
Psalms 147:10 · Berean Standard Bible
He does not delight in the strength of the horse; He takes no pleasure in the legpower of the man.
Context
8Ɔde omununkum kata ɔsoro ani;
ɔde osutɔ ma asase
ma ɛserɛ nyini wɔ nkokoɔ so. 9Ɔma anantwie aduane
na sɛ anene mma su a, ɔma wɔn aduane. 10Ɛnyɛ ɔpɔnkɔ ahoɔden na nʼani sɔ
na ɛnyɛ onipa ahoɔden nso. 11Na mmom, Awurade ani sɔ nnipa a wɔsuro no,
wɔn a wɔde wɔn ho to nʼadɔeɛ a ɛnsa da no so no. 12Momma Awurade so, Ao Yerusalem;
kamfo wo Onyankopɔn, Ao Sion,
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.