Native Bible

Psalms 135:16 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wɔwɔ ano, nanso wɔntumi nkasa, wɔwɔ ani, nanso wɔnhunu adeɛ;

Psalms 135:16 in English

Psalms 135:16 · Berean Standard Bible

They have mouths, but cannot speak; they have eyes, but cannot see;

Context

14Awurade bɛdi ama ne nkurɔfoɔ na ɔbɛhunu nʼasomfoɔ mmɔbɔ. 15Amanaman no ahoni yɛ dwetɛ ne sikakɔkɔɔ a wɔde onipa nsa na ayɛ. 16Wɔwɔ ano, nanso wɔntumi nkasa, wɔwɔ ani, nanso wɔnhunu adeɛ; 17wɔwɔ aso, nanso wɔnte asɛm, na ahomeɛ nso nni wɔn anom. 18Wɔn a wɔyɛɛ ahoni no bɛyɛ sɛ wɔn ara, saa ara na wɔn a wɔde wɔn ho to wɔn so no bɛyɛ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.