Nnwom 135:17
Psalms 135:17 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
wɔwɔ aso, nanso wɔnte asɛm, na ahomeɛ nso nni wɔn anom.
Psalms 135:17 in English
Psalms 135:17 · Berean Standard Bible
they have ears, but cannot hear; nor is there breath in their mouths.
Context
15Amanaman no ahoni yɛ dwetɛ ne sikakɔkɔɔ
a wɔde onipa nsa na ayɛ. 16Wɔwɔ ano, nanso wɔntumi nkasa,
wɔwɔ ani, nanso wɔnhunu adeɛ; 17wɔwɔ aso, nanso wɔnte asɛm,
na ahomeɛ nso nni wɔn anom. 18Wɔn a wɔyɛɛ ahoni no bɛyɛ sɛ wɔn ara,
saa ara na wɔn a wɔde wɔn ho to wɔn so no bɛyɛ. 19Monkamfo Awurade, Ao Israel fiefoɔ;
monkamfo Awurade, Ao Aaron fiefoɔ;
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.