Native Bible

Psalms 130 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Listen to Nnwom 130
1Ao Awurade, mefiri ebunu mu resu frɛ wo; 2Ao Awurade tie me nne. Wɛn wʼaso ma me nkotosrɛ. 3Ao Awurade, sɛ wobu yɛn bɔne ho nkonta a, anka hwan na ɔbɛtumi agyina ano? 4Nanso, wowɔ bɔnefakyɛ; ɛno enti wɔsuro wo. 5Metwɛn Awurade, me kra twɛn, na nʼasɛm mu na mede mʼanidasoɔ ahyɛ. 6Me kra twɛne Awurade sene sɛdeɛ awɛmfoɔ twɛne adekyeɛ, sene sɛdeɛ awɛmfoɔ twene adekyeɛ. 7Ao Israel, ma wʼani nna Awurade so, ɛfiri sɛ Awurade wɔ adɔeɛ a ɛwɔ hɔ daa na ɔgyeɛ amapa wɔ ne mu. 8Ɔno ankasa bɛgye Israel afiri wɔn bɔne nyinaa mu.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.