Nnwom 13:2
Psalms 13:2 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛnkɔsi da bɛn na mene mʼadwendwene bɛdi apereapereɛ na awerɛhoɔ ahyɛ mʼakoma mu daa? Mʼatamfoɔ nni me so nkonim nkɔsi da bɛn?
Psalms 13:2 in English
Psalms 13:2 · Berean Standard Bible
How long must I wrestle in my soul, with sorrow in my heart each day? How long will my enemy dominate me?
Context
1Ao, Awurade, ɛnkɔsi da bɛn? Wo werɛ bɛfiri me afebɔɔ anaa?
Ɛnkɔsi da bɛn na wode wʼanim bɛhinta me? 2Ɛnkɔsi da bɛn na mene mʼadwendwene bɛdi apereapereɛ
na awerɛhoɔ ahyɛ mʼakoma mu daa?
Mʼatamfoɔ nni me so nkonim nkɔsi da bɛn? 3Te wʼani hwɛ me na bua me, Ao, Awurade, me Onyankopɔn.
Ma mʼani so nyɛ hann, na manna owuo nna. 4Me ɔtamfoɔ bɛka sɛ, “Madi ne so nkonim.”
Na mʼahohiahiafoɔ bɛdi ahurisie ɛberɛ a mahwe ase.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.