Native Bible

Psalms 129:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ma wɔnyɛ sɛ ɛserɛ a ɛwɔ ɔdan atifi, ɛnnyini na ahye;

Psalms 129:6 in English

Psalms 129:6 · Berean Standard Bible

May they be like grass on the rooftops, which withers before it can grow,

Context

4Nanso Awurade yɛ ɔteneneeni; Watwitwa amumuyɛfoɔ nhoma afiri me ho.” 5Ma wɔn a wɔtan Sion nyinaa mfa animguaseɛ nsane wɔn akyi. 6Ma wɔnyɛ sɛ ɛserɛ a ɛwɔ ɔdan atifi, ɛnnyini na ahye; 7Ɛremma otwafoɔ nya biribi wɔ ne nsam, na deɛ ɔboaboa ano nso renya hwee nʼabasa so. 8Mma wɔn a wɔtwam hɔ nnka sɛ, “Awurade nhyira mmra mo so; yɛhyira mo wɔ Awurade din mu.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.