Native Bible

Psalms 129:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ma wɔn a wɔtan Sion nyinaa mfa animguaseɛ nsane wɔn akyi.

Psalms 129:5 in English

Psalms 129:5 · Berean Standard Bible

May all who hate Zion be turned back in shame.

Context

3Fentemfoɔ afentem mʼakyi ayɛ wɔn nkofie atentene. 4Nanso Awurade yɛ ɔteneneeni; Watwitwa amumuyɛfoɔ nhoma afiri me ho.” 5Ma wɔn a wɔtan Sion nyinaa mfa animguaseɛ nsane wɔn akyi. 6Ma wɔnyɛ sɛ ɛserɛ a ɛwɔ ɔdan atifi, ɛnnyini na ahye; 7Ɛremma otwafoɔ nya biribi wɔ ne nsam, na deɛ ɔboaboa ano nso renya hwee nʼabasa so.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.