Native Bible

Psalms 128:1 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Nhyira ne wɔn a wɔsuro Awurade, na wɔnante nʼakwan so.

Psalms 128:1 in English

Psalms 128:1 · Berean Standard Bible

Blessed are all who fear the LORD, who walk in His ways!

Context

1Nhyira ne wɔn a wɔsuro Awurade, na wɔnante nʼakwan so. 2Wobɛdi wʼadwuma so aba; nhyira ne yiedie bɛyɛ wo dea. 3Wo yere bɛyɛ sɛ bobe a ɛso aba wɔ wo fie; na wo mmammarima ayɛ sɛ ngo dua a afifiri atwa wo ɛpono ho ahyia.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.