Nnwom 128
Psalms 128 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
1Nhyira ne wɔn a wɔsuro Awurade,
na wɔnante nʼakwan so. 2Wobɛdi wʼadwuma so aba;
nhyira ne yiedie bɛyɛ wo dea. 3Wo yere bɛyɛ sɛ bobe a ɛso aba
wɔ wo fie;
na wo mmammarima ayɛ sɛ ngo dua a afifiri
atwa wo ɛpono ho ahyia. 4Yei ne onipa a wɔahyira noɔ,
deɛ ɔsuro Awurade no. 5Awurade nhyira wo mfiri Sion
wo nkwa nna nyinaa;
na ɔmma wo nhunu Yerusalem nkɔsoɔ, 6na ɔmma wo ntena ase nhunu wo mma mma.
Asomdwoeɛ nka Israel.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.