Native Bible

Psalms 123:1 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Mema mʼani so kyerɛ wo, wo a wʼahennwa si ɔsoro.

Psalms 123:1 in English

Psalms 123:1 · Berean Standard Bible

I lift up my eyes to You, the One enthroned in heaven.

Context

1Mema mʼani so kyerɛ wo, wo a wʼahennwa si ɔsoro. 2Sɛdeɛ nkoa ani hwɛ wɔn wura nsa no, sɛdeɛ afenaa ani hwɛ nʼawurakwaa nsa no, saa ara na yɛn ani hwɛ Awurade, yɛn Onyankopɔn kɔsi sɛ ɔbɛhunu yɛn mmɔbɔ. 3Hu yɛn mmɔbɔ, Ao Awurade, hunu yɛn mmɔbɔ, na wɔabu yɛn animtia bebree.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.