Nnwom 120
Psalms 120 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
1Mesu frɛ Awurade wɔ mʼahohiahia mu,
na ɔgye me so. 2Ao Awurade, gye me firi atorɔ ano
ne nnaadaa tɛkrɛma nsam. 3Ɛdeɛn na ɔbɛyɛ wo,
na ɛdeɛn na ɛka ho bio, Ao nnaadaa tɛkrɛma? 4Ɔde asraafoɔ bɛmma a ano yɛ nnam
ne gyasramma bɛtwe wʼaso. 5Nnome nka me sɛ mabɛsoɛ Mesek,
na mete Kedar ntomadan mu! 6Matena ase akyɛre dodo
wɔ wɔn a wɔkyiri asomdwoeɛ mu. 7Meyɛ asomdwoeɛ onipa;
nanso sɛ mekasa a, ɛyɛ ɔko ma wɔn.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.