Nnwom 12:7
Psalms 12:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ao Awurade, wobɛkora yɛn na woabɔ yɛn ho ban afebɔɔ afiri saa abɔnefoɔ yi ho,
Psalms 12:7 in English
Psalms 12:7 · Berean Standard Bible
You, O LORD, will keep us; You will forever guard us from this generation.
Context
5“Esiane nhyɛ a wɔde hyɛ mmɔborɔni no
ne ohiani apenesie no enti,
mɛsɔre afei,” Awurade na ɔseɛ.
“Mɛbɔ wɔn ho ban afiri wɔn a wɔha wɔn ho.” 6Awurade asɛm yɛ nokorɛ
te sɛ dwetɛ a wɔasɔne so wɔ fononoo mu,
na wɔahoa ho mprɛnson. 7Ao Awurade, wobɛkora yɛn
na woabɔ yɛn ho ban afebɔɔ afiri saa abɔnefoɔ yi ho, 8abɔnefoɔ a wɔnenam sɛdeɛ wɔpɛ
ɛberɛ a adasamma de anidie ma afideɛ.
Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.