Native Bible

Psalms 119:83 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɛwom sɛ mete sɛ nsã kotokuo a ɛsɛn wisie ano deɛ, nanso me werɛ remfiri wo ɔhyɛ nsɛm.

Psalms 119:83 in English

Psalms 119:83 · Berean Standard Bible

Though I am like a wineskin dried up by smoke, I do not forget Your statutes.

Context

81Wo nkwagyeɛ ho anigyina ama me ɔkra atɔ baha, nanso mede mʼanidasoɔ ahyɛ wʼasɛm mu. 82Mahwɛ wo bɔhyɛ anim ama mʼani abu; meka sɛ, “Da bɛn na wobɛkyekyere me werɛ?” 83Ɛwom sɛ mete sɛ nsã kotokuo a ɛsɛn wisie ano deɛ, nanso me werɛ remfiri wo ɔhyɛ nsɛm. 84Wo ɔsomfoɔ ntwɛn nkɔsi da bɛn? Da bɛn na wobɛtwe wɔn a wɔtaa me no aso? 85Ahantanfoɔ atu amena de asum me afidie, a ɛne wo mmara bɔ abira.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.