Native Bible

Psalms 119:57 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ao Awurade, wone me kyɛfa; mahyɛ bɔ sɛ mɛdi wo nsɛm so.

Psalms 119:57 in English

Psalms 119:57 · Berean Standard Bible

The LORD is my portion; I have promised to keep Your words.

Context

55Ao Awurade, anadwo mekae wo din, na mɛdi wo mmara so. 56Yei ne adeɛ a meyɛ da biara, medi wo nkyerɛkyerɛ so. 57Ao Awurade, wone me kyɛfa; mahyɛ bɔ sɛ mɛdi wo nsɛm so. 58Mede mʼakoma nyinaa ahwehwɛ wo; hunu me mmɔbɔ sɛdeɛ wo bɔhyɛ no teɛ. 59Madwene mʼakwan ho na madane mʼanammɔntuo akyerɛ wʼahyɛdeɛ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.