Native Bible

Psalms 119:110 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Amumuyɛfoɔ asum me afidie nanso memfom memfirii wo nkyerɛkyerɛ ho.

Psalms 119:110 in English

Psalms 119:110 · Berean Standard Bible

The wicked have set a snare for me, but I have not strayed from Your precepts.

Context

108Ao Awurade, ma wʼani nsɔ mʼanom nkamfo a ɛfiri me pɛ mu, na kyerɛkyerɛ me wo mmara. 109Ɛwom sɛ daa metoto me nkwa ase, nanso me werɛ remfiri wo mmara. 110Amumuyɛfoɔ asum me afidie nanso memfom memfirii wo nkyerɛkyerɛ ho. 111Wʼahyɛdeɛ yɛ mʼagyapadeɛ afebɔɔ; ɛma mʼakoma ani gye. 112Mʼakoma ayɛ krado sɛ ɛbɛhwɛ wo ɔhyɛ nsɛm so akɔsi awieeɛ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.