Native Bible

Psalms 118:17 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Merenwu, mmom mɛtena ase na mapae mu aka deɛ Awurade ayɛ.

Psalms 118:17 in English

Psalms 118:17 · Berean Standard Bible

I will not die, but I will live and proclaim what the LORD has done.

Context

15Osebɔ ne nkonimdie gyegye wɔ ateneneefoɔ ntomadan mu sɛ, “Awurade nsa nifa ayɛ nneɛma akɛseɛ! 16Wɔapagya Awurade nsa nifa so; Awurade nsa nifa ayɛ nneɛma akɛseɛ!” 17Merenwu, mmom mɛtena ase na mapae mu aka deɛ Awurade ayɛ. 18Awurade atwe mʼaso denden, nanso ɔnnyaa me mmaa owuo. 19Bue tenenee apono ma me; na mɛhyɛne mu na mede aseda ama Awurade.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.