Native Bible

Psalms 118:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Awurade yɛ mʼahoɔden ne me dwom; wayɛ me nkwagyeɛ.

Psalms 118:14 in English

Psalms 118:14 · Berean Standard Bible

The LORD is my strength and my song, and He has become my salvation.

Context

12Wɔkyere guu me so sɛ nwowa, nanso wɔhyee ntɛm so sɛ nkasɛɛ a ogya atɔ mu; Awurade din mu metwitwaa wɔn guiɛ. 13Wɔsum me kɔɔ mʼakyi a anka mereyɛ ahwe ase, nanso Awurade boaa me. 14Awurade yɛ mʼahoɔden ne me dwom; wayɛ me nkwagyeɛ. 15Osebɔ ne nkonimdie gyegye wɔ ateneneefoɔ ntomadan mu sɛ, “Awurade nsa nifa ayɛ nneɛma akɛseɛ! 16Wɔapagya Awurade nsa nifa so; Awurade nsa nifa ayɛ nneɛma akɛseɛ!”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.