Nnwom 116:12
Psalms 116:12 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛdeɛn na mɛtumi de atua Awurade ka wɔ ne papa a wayɛ ama me nyinaa?
Psalms 116:12 in English
Psalms 116:12 · Berean Standard Bible
How can I repay the LORD for all His goodness to me?
Context
10Megye diiɛ; ɛno enti mekaa sɛ,
“Mewɔ ahohia kɛseɛ mu.” 11Na mʼabasamtuo mu, mekaa sɛ,
“Nnipa nyinaa yɛ atorofoɔ.” 12Ɛdeɛn na mɛtumi de atua Awurade ka
wɔ ne papa a wayɛ ama me nyinaa? 13Mɛma nkwagyeɛ kuruwa no so
na mabɔ Awurade din. 14Mɛdi ɛbɔ a mahyɛ Awurade no nyinaa so
wɔ ne nkurɔfoɔ nyinaa anim.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.