Nnwom 115:3
Psalms 115:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Yɛn Onyankopɔn wɔ ɔsoro; deɛ ɔpɛ biara na ɔyɛ.
Psalms 115:3 in English
Psalms 115:3 · Berean Standard Bible
Our God is in heaven; He does as He pleases.
Context
1Ɛnyɛ yɛn, Ao Awurade, ɛnyɛ yɛn
na wo din na animuonyam nka,
wʼadɔeɛ ne wo nokorɛdie enti. 2Adɛn enti na aman no bisa sɛ,
“Wɔn Onyankopɔn wɔ he?” 3Yɛn Onyankopɔn wɔ ɔsoro;
deɛ ɔpɛ biara na ɔyɛ. 4Nanso wɔn ahoni yɛ dwetɛ ne sikakɔkɔɔ a
wɔde onipa nsa na ayɛ. 5Wɔwɔ ano, nanso wɔntumi nkasa;
wɔwɔ ani, nanso wɔnhunu adeɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.