Nnwom 109:27
Psalms 109:27 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ma wɔnhunu sɛ ɛyɛ wo nsa, na wo na woayɛ, Ao Awurade.
Psalms 109:27 in English
Psalms 109:27 · Berean Standard Bible
Let them know that this is Your hand, that You, O LORD, have done it.
Context
25Mayɛ aseredeɛ ama wɔn a wɔbɔ me soboɔ;
sɛ wohunu me a, wɔwoso wɔn ti. 26Boa me, Ao Awurade me Onyankopɔn;
gye me sɛdeɛ wʼadɔeɛ teɛ. 27Ma wɔnhunu sɛ ɛyɛ wo nsa,
na wo na woayɛ, Ao Awurade. 28Wɔbɛdome, nanso wobɛhyira;
sɛ wɔto hyɛ me so a, wɔn anim bɛgu ase,
nanso wo ɔsomfoɔ ani bɛgye. 29Animguaseɛ bɛdura mʼatamfoɔ ho;
na akyekyere wɔn ho sɛ atadeɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.