Native Bible

Psalms 108:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Gilead yɛ me dea; Manase nso saa ara; Efraim yɛ me dadeɛ kyɛ, Yuda yɛ mʼahempoma.

Psalms 108:8 in English

Psalms 108:8 · Berean Standard Bible

Gilead is Mine, and Manasseh is Mine; Ephraim is My helmet, Judah is My scepter.

Context

6Fa wo nsa nifa gye yɛn na boa yɛn, na ama wɔn a wodɔ wɔn no anya nkwa. 7Onyankopɔn akasa afiri ne kronkronbea sɛ, “Nkonim mu na mɛkyɛ Sekem mu na masusu Sukot Bɔnhwa. 8Gilead yɛ me dea; Manase nso saa ara; Efraim yɛ me dadeɛ kyɛ, Yuda yɛ mʼahempoma. 9Moab yɛ me dwaresɛn, Edom so na meto me mpaboa guo; Filistia so na mebɔ ose.” 10Hwan na ɔde me bɛkɔ kuropɔn a wɔabɔ ho ban no mu? Hwan na ɔbɛdi mʼanim akɔ Edom?

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.