Nnwom 106:20
Psalms 106:20 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔsesaa wɔn Animuonyam. Wɔde nantwinini, a ɔwe ɛserɛ nsɛsodeɛ.
Psalms 106:20 in English
Psalms 106:20 · Berean Standard Bible
They exchanged their Glory * for the image of a grass-eating ox.
Context
18Egya tɔɔ wɔn akyidifoɔ no mu;
ogyaframa hyee amumuyɛfoɔ no. 19Wɔyɛɛ nantwie ba wɔ Horeb
na wɔkotoo ohoni a wɔde fagudeɛ ayɛ. 20Wɔsesaa wɔn Animuonyam.
Wɔde nantwinini, a ɔwe ɛserɛ nsɛsodeɛ. 21Wɔn werɛ firii Onyankopɔn a ɔgyee wɔn nkwa,
deɛ ɔyɛɛ nneɛma akɛseɛ wɔ Misraim no, 22nsɛnkyerɛnneɛ a ɔyɛɛ wɔ Ham asase so
ne nneɛma a ɛyɛ hu wɔ Ɛpo Kɔkɔɔ ho no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.