Nnwom 105:18
Psalms 105:18 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔde mpokyerɛ guu ne nan, na wɔde dadeɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn hyɛɛ ne kɔn,
Psalms 105:18 in English
Psalms 105:18 · Berean Standard Bible
They bruised his feet with shackles and placed his neck in irons,
Context
16Ɔmaa ɛkɔm baa asase no so
na ɔsɛee akwan a wɔfa so nya wɔn aduane nyinaa; 17na ɔsomaa ɔbarima bi dii wɔn anim,
Yosef a wɔtɔn no sɛ akoa no. 18Wɔde mpokyerɛ guu ne nan,
na wɔde dadeɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn hyɛɛ ne kɔn, 19kɔsii sɛ deɛ ɔhyɛɛ ho nkɔm no baa mu,
kɔsii sɛ Awurade asɛm no daa no adi sɛ ɔyɛ nokwafoɔ. 20Afei, ɔhene no soma ma wɔkɔgyaa no;
aman no sodifoɔ gyaa no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.