Nnwom 104:26
Psalms 104:26 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛso na ahyɛn di akɔneaba, na dɛnkyɛmmirampɔn a woyɛɛ no di agorɔ.
Psalms 104:26 in English
Psalms 104:26 · Berean Standard Bible
There the ships pass, and Leviathan, which You formed to frolic there.
Context
24Ao Awurade, wo nnwuma dɔɔso!
Nyansa mu na woyɛɛ ne nyinaa;
wʼabɔdeɛ ahyɛ asase so ma. 25Ɛpo na ɛda hɔ tɛtrɛɛ hahanaa yi,
a abɔdeɛ bebree a ɛnni ano,
akɛseɛ ne nketewa ahyɛ no ma. 26Ɛso na ahyɛn di akɔneaba,
na dɛnkyɛmmirampɔn a woyɛɛ no di agorɔ. 27Wɔn nyinaa hwɛ wo kwan
sɛ wobɛma wɔn wɔn aduane wɔ ɛberɛ a ɛsɛ mu. 28Wodema wɔn a, wɔtase;
wobue wo nsam a, nnepa mee wɔn.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.