Native Bible

Psalms 10:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Nnome, atorɔ ne ahunahuna ahyɛ nʼanom ma; Ɔhaw ne mmusuo hyɛ ne tɛkrɛma ase.

Psalms 10:7 in English

Psalms 10:7 · Berean Standard Bible

His mouth is full of cursing, deceit,* and violence; trouble and malice are under his tongue.

Context

5Nʼakwan nyinaa mu, ɔdi yie; ɔma ne ho so, na wo mmara mfa ne ho; na ɔdi nʼatamfoɔ nyinaa ho fɛw. 6Ɔka kyerɛ ne ho sɛ: “Biribiara mma me nhinhim; mʼani bɛgye daa, na merenkɔ amanehunu mu da.” 7Nnome, atorɔ ne ahunahuna ahyɛ nʼanom ma; Ɔhaw ne mmusuo hyɛ ne tɛkrɛma ase. 8Ɔtɛ wɔ nkuraase; ɔfiri atɛeɛ kum deɛ ɔnnim hwee, na ɔhwɛ wɔn a ɔrepɛ wɔn akum wɔn. 9Ɔte sɛ gyata a wahinta; ɔtɛ sɛ ɔbɛkyere mmɔborɔni; ɔkyere wɔn twe wɔn ase de wɔn kɔ ne bɔn mu.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.