Nnwom 10:5
Psalms 10:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Nʼakwan nyinaa mu, ɔdi yie; ɔma ne ho so, na wo mmara mfa ne ho; na ɔdi nʼatamfoɔ nyinaa ho fɛw.
Psalms 10:5 in English
Psalms 10:5 · Berean Standard Bible
He is secure in his ways at all times; Your lofty judgments are far from him; he sneers at all his foes.
Context
3Ɔde deɛ nʼakoma hwehwɛ hoahoa ne ho;
ɔhyira ɔdifodepɛfoɔ, na ɔyi Awurade ahi. 4Ahantan enti, omumuyɛfoɔ nhwehwɛ Awurade;
na Onyankopɔn nni ne nsusuiɛ nyinaa mu. 5Nʼakwan nyinaa mu, ɔdi yie;
ɔma ne ho so, na wo mmara mfa ne ho;
na ɔdi nʼatamfoɔ nyinaa ho fɛw. 6Ɔka kyerɛ ne ho sɛ: “Biribiara mma me nhinhim;
mʼani bɛgye daa, na merenkɔ amanehunu mu da.” 7Nnome, atorɔ ne ahunahuna ahyɛ nʼanom ma;
Ɔhaw ne mmusuo hyɛ ne tɛkrɛma ase.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.