Native Bible

Proverbs 5:22 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Omumuyɛfoɔ nnebɔne sum no afidie; na ne bɔne nhoma kyekyere no papee.

Proverbs 5:22 in English

Proverbs 5:22 · Berean Standard Bible

The iniquities of a wicked man entrap him; the cords of his sin entangle him.

Context

20Me ba, adɛn enti na woma ɔbaa dwamanfoɔ kyekyere wo? Adɛn enti na woda ɔbarima foforɔ bi yere kokom? 21Awurade hunu onipa akwan nyinaa, na ɔhwehwɛ ne nyinaa mu. 22Omumuyɛfoɔ nnebɔne sum no afidie; na ne bɔne nhoma kyekyere no papee. 23Ɔbɛwu ɛsiane ahohyɛsoɔ a ɔnni enti, na wayera ɛsiane nʼagyegyentwisɛm enti.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.