Mmɛbusɛm 5:20
Proverbs 5:20 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Me ba, adɛn enti na woma ɔbaa dwamanfoɔ kyekyere wo? Adɛn enti na woda ɔbarima foforɔ bi yere kokom?
Proverbs 5:20 in English
Proverbs 5:20 · Berean Standard Bible
Why be captivated, my son, by an adulteress, or embrace the bosom of a stranger?*
Context
18Nhyira nka wʼasubura
na wʼani nka wʼababunuberɛ mu yere ho. 19Ɔte sɛ ɔtwe bereɛ dɔfoɔ, ɔwansane animuonyamfoɔ.
Ma ne nufoɔ nsɔ wʼani daa
na ne dɔ nkyekyere wo. 20Me ba, adɛn enti na woma ɔbaa dwamanfoɔ kyekyere wo?
Adɛn enti na woda ɔbarima foforɔ bi yere kokom? 21Awurade hunu onipa akwan nyinaa,
na ɔhwehwɛ ne nyinaa mu. 22Omumuyɛfoɔ nnebɔne sum no afidie;
na ne bɔne nhoma kyekyere no papee.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.