Mmɛbusɛm 4:10
Proverbs 4:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Me ba, tie na fa deɛ meka no, na wo nkwanna bɛyɛ bebree.
Proverbs 4:10 in English
Proverbs 4:10 · Berean Standard Bible
Listen, my son, and receive my words, and the years of your life will be many.
Context
8Di no nni na ɛbɛpagya wo;
yɛ no atuu, na ɛbɛhyɛ wo animuonyam. 9Ɔde nkonimdie nhwiren hankra bɛgu wo tiri so
na wama wo ahenkyɛ a ɛyɛ fɛ.” 10Me ba, tie na fa deɛ meka no,
na wo nkwanna bɛyɛ bebree. 11Mɛkyerɛ wo nyansakwan
na mede wo afa akwan a ɛtene so. 12Sɛ wonante a, wʼanammɔntuo bɛkɔ yɛɛ
na sɛ wotu mmirika a, worensunti.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.