Mmɛbusɛm 30:26
Proverbs 30:26 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Nkukuban*—yɛ abɔdeɛ a wɔnni ahoɔden, nanso wɔyɛ wɔn afie wɔ abotan mu,
Proverbs 30:26 in English
Proverbs 30:26 · Berean Standard Bible
the rock badgers * are creatures of little power, yet they make their homes in the rocks;
Context
24“Nneɛma nketenkete ɛnan na ɛwɔ asase so,
nanso wɔyɛ anyansafoɔ ankasa: 25Ntɛtea yɛ abɔdeɛ nketewa a wɔnni ahoɔden,
nanso wɔboaboa wɔn aduane ano ahuhuro berɛ mu; 26Nkukuban*—yɛ abɔdeɛ a wɔnni ahoɔden,
nanso wɔyɛ wɔn afie wɔ abotan mu, 27ntutummɛ nni ɔhene,
nanso wɔsa so akuakuo, kɔ wɔn anim; 28wɔtumi de nsa kyere ɔkoterɛ,
nanso wɔhunu no aberempɔn ahemfie.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.