Mmɛbusɛm 30:18
Proverbs 30:18 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Nneɛma mmiɛnsa na ɛyɛ me nwanwa, ɛnan na mente aseɛ:
Proverbs 30:18 in English
Proverbs 30:18 · Berean Standard Bible
There are three things too wonderful for me, four that I cannot understand:
Context
16Damena,
obonini awotwaa,
asase a ɛyɛ wesee daa,
ne ogya a ɛnka da sɛ, ‘Ɛyɛ!’ 17“Ani a ɛyi agya ahi,
na ɛbu ɛna animtia no,
bɔnhwa ho anene bɛtutu,
na apete abɛdi. 18“Nneɛma mmiɛnsa na ɛyɛ me nwanwa,
ɛnan na mente aseɛ: 19Ɛkwan a ɔkɔdeɛ nam so wɔ ewiem,
sɛdeɛ ɔwɔ nante ɔbotan so,
ɛkwan a ɛhyɛn nam so wɔ ɛpo hahanaa so,
ne sɛdeɛ ɔbarima dɔ ababaawa. 20“Ɔbaa waresɛefoɔ ɛkwan nie:
Ɔdidi, ɔpepa nʼano
na ɔka sɛ, ‘Menyɛɛ mfomsoɔ biara.’
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.