Mmɛbusɛm 29:7
Proverbs 29:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ahiafoɔ atɛnteneebuo ho hia teneneefoɔ, nanso amumuyɛfoɔ nni saa tema no.
Proverbs 29:7 in English
Proverbs 29:7 · Berean Standard Bible
The righteous consider the cause of the poor, but the wicked have no regard for such concerns.
Context
5Obiara a ɔdaadaa ne yɔnko no
sum ne nan afidie. 6Ɔdebɔneyɛfoɔ bɔne sum no afidie,
nanso ɔteneneeni bɛtumi ato dwom ama nʼani agye. 7Ahiafoɔ atɛnteneebuo ho hia teneneefoɔ,
nanso amumuyɛfoɔ nni saa tema no. 8Fɛdifoɔ de basabasayɛ ba kuropɔn mu,
nanso anyansafoɔ dwodwo abufuo ano. 9Sɛ onyansafoɔ de ɔkwasea kɔ asɛnniiɛ a,
ɔkwasea no bobom kasa di fɛ, na asomdwoeɛ mma.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.