Native Bible

Proverbs 28:15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Omumuyɛfoɔ a ɔdi nnipa a wɔnni mmoa so no te sɛ gyata a ɔbobɔm anaa sisire a nʼani abereɛ.

Proverbs 28:15 in English

Proverbs 28:15 · Berean Standard Bible

Like a roaring lion or a charging bear is a wicked ruler over a helpless people.

Context

13Onipa a ɔkata ne bɔne soɔ no nnya nkɔsoɔ, na deɛ ɔka ne bɔne na ɔgyae yɛ no nya ahummɔborɔ. 14Nhyira nka deɛ ɔsuro Awurade ɛberɛ nyinaa, nanso deɛ ɔpirim nʼakoma no tɔ amaneɛ mu. 15Omumuyɛfoɔ a ɔdi nnipa a wɔnni mmoa so no te sɛ gyata a ɔbobɔm anaa sisire a nʼani abereɛ. 16Sodifoɔ tirimuɔdenfoɔ nni adwene, na deɛ ɔkyiri mfasoɔ a wɔnam ɛkwan bɔne so nya no bɛnya nkwa tenten. 17Deɛ awudie ma ne tiboa bu no fɔ no, ɔbɛyɛ ɔkobɔfoɔ akɔsi ne wu da; mma obiara mmɔ ne ho ban.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.